Psalms 38

Dawid dwom. Adesrɛ.


1 Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu
na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.

2 Wo bɛmma hwirew me mu,
na wo nsa adwerɛw me.

3 Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu;
me bɔne nti, me nnompe ahodwow.

4 Mʼafɔdi amene me
te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.

5 Mʼakuru bɔn na aporɔw
esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.

6 Makotow na wɔabrɛ me ase;
da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.

7 Mʼakyi dompe mu yaw boro so:
ahoɔden biara nni me nipadua mu.

8 Mabrɛ na mapɛtɛw koraa.
Me koma mu yaw ma misi apini.

9 Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;
mʼapinisi nhintaw wo.

10 Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa
mpo mʼaniwa aduru sum.

11 Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me;
mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.

12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri,
wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ
da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.


13 Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm,
mete sɛ mum a ontumi nkasa.

14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,
nea nʼano ntumi mma mmuae.

15 Awurade, meretwɛn wo;
Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.

16 Mekae se, “Mma wɔn ani nnye;
anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”


17 Mereyɛ mahwe ase,
na me yaw da so wɔ me mu.

18 Meka me mfomso kyerɛ;
me bɔne hyɛ me so.

19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfo;
wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.

20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no,
bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.


21 Awurade nnyaw me.
Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!

Bra ntɛm bɛboa me,
Awurade, mʼAgyenkwa.

Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.

22
Copyright information for TwiAKNA